Galatians 5

Ahofadi

1Ahofadi nti na Kristo ama yɛde yɛn ho no. Munnyina pintinn. Mommma ho kwan mma wɔmmfa mo nnyɛ nkoa bio.

2Muntie! Me Paulo, meka mekyerɛ mo se, sɛ moma ho kwan ma wotwa mo twetia a, na ɛkyerɛ sɛ Kristo ho amma mfaso biara amma mo koraa. 3Mebɔ mo kɔkɔ bio sɛ obiara a ɔbɛma ho kwan ama wɔatwa no twetia no, na ɛsɛ sɛ odi Mmara no nyinaa so. 4Mo a mopɛ sɛ wɔka mo bata Onyankopɔn ho nti mudi Mmara no so no, atew mo ho afi Kristo ho. Onyankopɔn adom no nni mo so bio.

5Yɛn de, yɛn anidaso ne sɛ Onyankopɔn bɛka yɛn abata ne ho. Eyi ne gyidi a ɛnam tumi a ɛwɔ Onyankopɔn Honhom no mu no yɛretwɛn. 6Sɛ yɛne Kristo Yesu yɛ baako a, nsonoe biara nna twetiatwa ne momonotoyɛ ntam. Nea ɛho hia ne gyidi a ɛnam ɔdɔ so di dwuma.

7Na anka moretu mmirika no yiye! Na hena na ɔma mugyaee nokware no tie? Ɔkwan bɛn so na ɔfa daadaa mo? 8Saa nnaadaa no mfi Onyankopɔn a ɔfrɛ mo no. 9Wɔka se, “Mmɔkaw kakraa bi na ɛma mmɔre no nyinaa tu.” 10Meda so wɔ mo mu anidaso. Bata a yɛde yɛn ho abata Awurade no, ma minya gyidi sɛ, meremfa adwene foforo na nea ɔredaadaa mo no, ɔte dɛn ara a, Onyankopɔn bɛtwe nʼaso. 11Anuanom, sɛ migu so ka twetiatwa ho asɛm a, adɛn nti na wɔda so taa me? Na sɛ ɛno na ɛyɛ nokware a, anka mʼasɛm a meka fa Kristo asɛnnua ho no nkɔfa ɔhaw mma. 12Sɛ ɛkaa me nko a, anka wɔn a wɔhaw mo no atwa wɔn ho atwitwa wɔn ho.

13Me nuanom, mo de, wɔfrɛɛ mo sɛ mommɛde mo ho. Nanso mommma saa ahofadi yi nnyɛ anoyi a ɛbɛma mo nipadua no adi mo so. Mmom, momfa ɔdɔ nsom mo ho mo ho. 14Efisɛ, Mmara no nyinaa tiaatwa kyerɛ sɛ, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” 15Na sɛ mokeka na mopirapira mo ho mo ho a, ɛnne monhwɛ yiye na moansɛesɛe mo ho mo ho.

16Asɛm a meka ne sɛ, momma Honhom no nni mo abrabɔ so, Mommma honam akɔnnɔ nnni mo so. 17Efisɛ, nea honam pɛ no tia nea Honhom no pɛ; saa ara nso na nea Honhom no pɛ no, honam no tia. Wɔn baanu no yɛ atamfo. Eyi kyerɛ sɛ worentumi nyɛ nea wopɛ sɛ woyɛ. 18Sɛ Honhom no kyerɛ wo kwan a, na wonhyɛ Mmara ase.

19Dwuma a bɔne su di no da adi pefee. Eyinom ne aguamammɔ, efi, ahohwi, 20abosonsom, aduto, ɔtan, akayɛ, ahoɔyaw, abufuw, aperepere, kunsunkunsun, mpaapaemu, 21nitan, nsabow, agobɔne, ne nneɛma a ɛtete saa. Mebɔ mo kɔkɔ sɛnea mabɔ mo bi dedaw no se, wɔn a wɔtena ase saa no, renkɔ Onyankopɔn ahenni no mu.

22Na Honhom no aba ne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, 23odwo, anidahɔ. Mmara biara nni hɔ a etia eyinom.

24Na wɔn a wɔyɛ Kristo de no abɔ wɔn nipasu no ne honam akɔnnɔ asɛnnua mu. 25Honhom no ama yɛn nkwa. Ɛsɛ sɛ ɔhwɛ yɛn abrabɔ so. 26Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ ahantan, yiyi yɛn ho yɛn ho abufuw anaa yɛma yɛn ani bere yɛn ho yɛn ho.

Copyright information for TwiNAK